Kwame Nkrumah

?fi Wikipedia
W?akyer?w ns?m yi w? Akuapem kasa mu
Kwame Nkrumah
nnipa
b?beasu male   Sesa
?man a ofiri mu Sika Mpoano , Ghana   Sesa
name in native language Kwame Nkrumah   Sesa
din a w?de ama no Kwame   Sesa
abusua din Nkrumah   Sesa
da a w?woo no 21 ?b? 1909   Sesa
beae a w?woo no Nkroful   Sesa
da a owui 27 Oforisuo 1972   Sesa
beae a owu w? Bucarest   Sesa
manner of death natural causes   Sesa
cause of death skin cancer , prostate cancer   Sesa
place of burial Kwame Nkrumah Museum , Nkran , Nkroful   Sesa
spouse   Sesa
child Gamal Nkrumah , Samia Nkrumah , Sekou Nkrumah   Sesa
native language Fante   Sesa
languages spoken, written or signed Akan , Nzema , Fante , English   Sesa
n'adwuma Amany?ni , writer , diplomat , lecturer   Sesa
educated at Lincoln University , London School of Economics and Political Science , University of Pennsylvania Graduate School of Education , Akyim?ta Ntoaso? Sukuu , Lincoln University   Sesa
honorific suffix Privy Council of the United Kingdom   Sesa
work location Elmina , Axim   Sesa
member of political party CPP , United Gold Coast Convention   Sesa
candidacy in election 1960 Manpanyin abato?   Sesa
religion or worldview Kinilisyano   Sesa
partner in business or sport David Wilberforce Kwami Dawson   Sesa
participant in Conference on Africa   Sesa
military rank field marshal   Sesa
notable work Africa Must Unite   Sesa
member of Phi Beta Sigma   Sesa
award received Lenin Peace Prize , Knight Grand Cross with Collar of the Order of Merit of the Italian Republic , Order of the Companions of O. R. Tambo , Collar of the Order of the White Lion , Grand Cross of the Order of Polonia Restituta   Sesa
Ghana Place Names URL https://sites.google.com/site/ghanaplacenames/places-in-perspective/birthplaces#h.gb1ksetz76dk   Sesa

Kwame Nkrumah y? Ghananni a ?y?? amany?s?m . [1]

Na ne maame ne Elizabeth Nyanibah a na ?fi An?na Ebusua mu. Ne papa nso ne Kofi Ngonloma a na ?fi Asona Ebusua mu. ?warre Helena Ritz Fathia Nkrumah Mumu - ?p?nimma bosome da a ?t? so aduasa baako (31) w? afe apem ahankron aduonum nw?twe (1958) mu. Ne mba y? ebiasa-- Francis Gokeh; Sarmiah Yarba na Sekou Ritz.

Nea Kwame Nkrumah y?? a ?ma ne din ter?w ne s? ?gyee fahodi firi Ngyiresi man maa Sika Mpoano, na ?sesa ne din fr?? no Ghana . Abere no, na ?y? Ghana ?manpanin a ?di kan.

Kwame Nkrumah yε Ghana omanpanyin a odi kan. ?no na obuu yεn man no maa no yε keseε sεnea ete εnnε yi (Independence fawohodie w? ?b?nim bosome no da a ?t? so nsia, w? afe apem ahankron aduonum nson mu 06.03.1957) [2]


N'awo mu ne N'adesua [ sesa ]

W?woo Kwame Nkrumah w? Nkr?ful w? ?b? bosome no da a ?t? so aduonu baako (21), w? afe apem ahankron ne nkron (1909). Edin a w?too no ne Francis Nwia-Kofi Ngonloma. ?k?? Achimota Schoo l, Roman Catholic Seminary w? Amisano, a ?san kyer?? ade w? Catholic School w? A?im. ?k?? Am?rika a, ?h? na ?k?? Lincoln University ne University of Pennsylvania. Abibisuafo kuo a ?w? Am?rika ne Kanada sii no Pr?sid?nt ?w? w?n kuw ne so.

?k?? London , na Ohyiaa George Padmore a ?h? na ?hy?? Abibiman faahodie ho nhyehy?e. Sukuup?n ahorow pii b?? n'aba so w? dwuma pa a ?hy?? ase no.

N'akwantuo [ sesa ]

Africa sane ba [ sesa ]

Kwame Nkrumah san baa Ghana afe apem ahankron aduanan nson (1947) b?boaa United Gold Coast Convention kuw a na Joseph Boakye Dan?uah di anim. Ghana faahodie ns?m ho na w?b?? mm?den. Afe apem ahankron aduanan nw?twe (1948) mu no, polisfo to k?too abibi e?-servicemen bi so tuo a na w?renantew retia aban no w? asetena a ?y?? den no. Aban no faa basabasay? no s? UGCC to nsanodwuma na w?kyeree w?n mpanyinfo dodow no hy?? fie ase. Eyi de amande ne ades?e sanee Kumasi , Accra ne nkurow ahorow pii. Aban no huu ssa no, woyii UGCC mpanyinfo a Kwame Nkrumah ka ho, efii fie ase h?. Eyi de anuonyam pii baa Nkrumah ne mpanyinfo a w?kyeree w?n so. Afei na amanfo? nyinaa ani da UGCC aho?den ne Ghana faahodie a obenya so.

Nkrumah k?? nkurase ne mp?tam pii twee amansan adwen baa Ghana faahodie ho. Kokoo kuafo ne nnwuma kuw pii w?n ani nnye ?man no ne w?n asetena mu no, taa Nkrumah akyi a afe apem ahankron aduanan nkron (1949) mu no, ?tee ammane?kuw foforo a ?fr?? no “The Convention People's Party (CPP)”.

Ahodwan nti, Britain man a na odi Ghana so saa bere no, penee s? ?man no b?kyer?w mmra foforo. Nkrumah fr?? nnipa ne nnwumakuw p?tee, ahemfo, akuafo ne ?man no mpanyinfo na w?kyer?wee mmra foforo maa ?man Ghana . Mmra no mu no, wobisaa s? abibifo benya tumi w? ?man no nhyehy?e mu. Eyi ekyi no, wobisaa faahodie maa ?man Ghana .

Mmara foforo yi annk? yie w? abor?fo no h?, na w?ampene s? emu mmisae no b?ba mu. Eyi hy?? Nkrumah abufuw na ?too nsa fr?? nnwumakuw ne Ghanafo nyinaa s? w?nfa aso?den nhyia Britain mmra ne nhyehy?e a w?akyer?w s? ?man no nni so. Saa nti w?san kyeree Nkrumah k?too fie ase mfe mmi?nsa. Eyi hy?? Ghanaman mma dodow aho?yaw na w?kekaa w?ho k?boaa CPP kuw noo tiaa Britain mmra a w?ahyehy?w no. Na Nkrumah ne mpanyimfo dodow no w? fiease nso afei na nnipa pii ani abere kwan a abor?fo no de ?man no refa.

Ahometew ne amannehu maa Britain fo no faa adwen s?? w?befi Ghana asaase so. Afe apem ahankron aduonum baako (1951) mu no, w?hyehy?? abato? a edi kan w? abibiman Afrika mu. Nkrumah dii nkunim na w?too nsa eyii no fii fie ase de no sii Aban Nhyehy?e Bedwani anaa “Leader of Government Business”. Woyii no Ogyefuo bosome no da a ?t? so du-mmienu (12), w? afe apem ahankron aduonum baako (1951) mu na n'amane?kuw CPP nyaa mmrahy?bedwa nkongua aduasa nan (34) efi aduasa nw?twe (38) mu bere a ?daso w? fiease Britain aban ntamgyinani a w?fr? no Charles Arden-Clarke ka kyer?? Nkrumah se ?nhyehy? aban foforo a as?m a etwa to no ne s?, eyi nyinaa ekyi no, ?man Ghana benya ne faahodie. As?m yi bedii so bere a Britain aban no yii ntamgyinani Arden-Clarke na ?man Ghana nso tow aba foforo afe apem ahankron aduosia (1960) mu esii Nkrumah Ghana ?manpanyin.

Ghana Fawohodi [ sesa ]

?manpanyin Nkrumah y?? nne?ma pii a ?boaa Ghana nk?so? pa ara. Odii kan de Ghana nkyeky?mu anan no nyinaa b?y?? biako na ?san hw?? so y?? ?manpanyin adwuma a w?de ama no. Wosii sukuu, l?rekwan, ayaresabea ne agyananbea dodow a ?boaa s? Ghana mma asetena mu b?y? mmer?. Saa mmere yi no, na amansan no ara fr?? Nkrumah s? ?sagyefo, w? nea ?b?? mm?den y? maa ?man no ne emu nnipa nyinaa.

Ghana faahodie bae no, Nkrumah b?? mm?den boaa abibiman faahodie adwuma no efis? na wadi kan ehyia abibifo mmadwemma te s? Marcus Garvey, William E.B. Dubois, Martin Luther King ne George Padmore, akenkan w?n ankyer?wee pii. ?de ne nnimde? ne nyansa boaa faahodie ahoboa w? abibiman nkurow pii so. Ade baako a ?y?e a nn? y?dekae no ne Abibimann Nkabomkuw anaa “Organisation of African Unity” a ?boaa ma w?tewee.

?many? [ sesa ]

Kwame Nkrumah baa Gaana no, ?baa s? ?reb?boa UGCC amany? kuw no. Mber kakra ba mu no, ?hunu no s? na UGCC mpanimfo no nne no ny? adwene s? Sika Mpoano b?tumi agye ne fahodi nt?mt?m ara.

D?m nti, ?teww ne ho k?hyiaa amany? kuw foforo a w?fr? no CPP .

Omansiesie [ sesa ]

Nkrumah hwehw?? kwan a ?b?fa so ahyehy? Ghana mpontu. N'adwen y?? no s?, ansa Ghana betumi adi ne ho ni s? ?man a wanya ne faahodie no, ?w? s? otumi y? nea ehia no nyinaa a aman?ne mmoa biara nka ho. Eyi nti sika a saa mmere no kokoo dodow a ?man no t?n y? no debaa y? no, ?de hw?? nnuma foforo a w?b?? ?man no ka yiye. Nnuma no pii annk? awiei pa na ?k?baa s? sika pii a ?de hy?? nnwuma no mu no annfa papa biara amma. Aman?ne mmuae na anka ap? s? oyi Ghana fi mu nso b?y?? ade a Ghana b?hwehw?? paa ara. Eyi nti Ghana a anka ?y? asikaman titiriw w? abibman mu no, b?danee ?man aser?fo a odi ohia yie.

Ne asehwe, Asutware ne Wu [ sesa ]

Afe apem ahankron aduonu nan (1954) mu no, nne?ma pii sii w? ?man no mu a w?danee Ghana ne Nkrumah asetena mu. Saa afe no, Nkrumah san dii nkunim w? aba a w?tooe no mu. Afei kokoo bo nso k?? so pa ara yiye. Sika a efii kokoo dwa no mu bae no, ank? akuafo no h? na mmom, Nkrumah hyehy? s? w?de sika no b?y? mpontunnwuma a eyi anny? akuafo no anigye koraa. ?san hyehy?? mmra abien bi a w?fr? w?n “Trade Union Act” ne “Preventive Detection Act” a w?de akasakasa ne nwiinwi hy?? amanfo ano. “Trade Union Act” no kyer?? s? ?ns? s? obiara de n'adwumay?de b?to h? s? n'asetena mu ay? den ntti anaa ?p? biribi efi aban h?. “Preventive Detention Act” no nso kyer?? s? obiara a ?y?? nea ?kyer?? s? ?mp? aban no nhyehy?e anaa onyaae anka Nkrumah nny? ?manpanyin bio no, w?kye no de non hy?? fie ase a ns?mmisa biara nka ho koraa. Nkrumah hwehw?? mpontuhare kwan a ?de Ghana b?fa na saa kwan no so no, na ?w? s? obiara a nya mpontu no bi a nny? w?n a w?ye?? adwuma no nko. Eyi maa Nkrumah ne n'aban ho ns?m y?? amanfo pii abufuw. N'aban no mu nnipa nom bi nso de tumi a w?w? no gyee adwuma fii adwumay?fo no h? s?nea w?n nso wobenya sika. W?n a na ?w? s? w?ka aban no as?es?m kyer? ?manpanyin no nso gyaee efis? na wosuro s? w?ka a, Nkrumah beyi w?n adi. Eyi nti na ?y? nnipa pii s? w?nho nhia aban no ne Nkrumah bio. Nkrumah nso hunuu s? nnipa dodow no mp? n'as?m bio no, ?de asurooow etwaa amanne?kuw foforo a w?w? ?man no mu koraa na osii ne ho ?manpanyin kosi ne wu bere. ?hyehy?? saa mmra yi w? afe apem ahankron aduosia nan (1964) mu.

Nkrumah adwen da mpontu ho no nti no, ?pene maa Am?rikafo besii Akosombo Dam no s? ?mma anyinam aho?den a ehia s? ?man no de betu mpon. ?man no de sika a w?asr? na esii efidie no nti ?b?? ka yiye. Esan s? ?w? d? ?man no atua sika no nti no, ?b?? kokoo kuafo no ka yiye. Eyi de aho?yaw hy?? akuafo ne Ghanafo pii ho tiaa Nkrumah. Afei na nnipa pii abr? Nkrumah na ne mmere nso aso. N'anuonyam k?? so w? aman foforo h? nso na onnim s? ne mmere aso s? obefi ?manpanyin gua no so. W? Ogyefuo bosome no mu w? afe apem ahankron aduosia nsia (1966) mu no, bere a Nkrumah k?? Beijing, w? China no, wotuu no ade so.

Kwame Nkrumah wui w? obi ne kurowmu. Nkrumah annsan amma Ghana . ?tenaa Guinea na ?h? na ?k?? so hw?? s? abibiman b?ka abom ay? baako. Guinea ?manpanyin Sekou Toure hw?? ne so nso na Nkrumah suro s? abor?fo a w?hw?e ma wotuu no ade so no b?taa no akum no ow? Guinea h? a ?w? no. Eyi nti na osuro yiye. N'aduannuafo wui no, na afei ?de aduan sie w? ne dan mu efis? na osuro s? obi b?hy? no aduro akum no kwa. ?bra yi mu na ?sagyefo Kwame Nkrumah yaree. W?de no k?? Romania k?hw?? n'ayaresa na ?h? na owui w? ?b? bosome no mu, w? afe apem ahankron aduoson mmienu (1972) mu. Wosiee no w? Nkr?ful a ?y? baabi a w?woo no nso ekyiri no, w?san de no baa Nkran a ?h? na wosii m?moreal tumb a nn? y?dekae abibimanba panyin baako ?y?? pii boaa ne man ne abibifo nyinaa.

Kwame Nkrumah Ndwuma [ sesa ]

  • Akosombo Dame
  • Tema Kwank?se

Bea? a menyaa mmoa firii? [ sesa ]

Nkyekyem:Akatakyifo